Luke 1

Nnianim

1Adamfo pa Tiofilo, nnipa pii abɔ mmɔden akyerɛw Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no. 2Wɔkyerɛw faa nsɛm a wɔaka akyerɛ yɛn a nnipa a wohuu saa nneɛma yi fi mfiase nam so daa no adi no ho. 3Nanso minyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa mu yiye na mekyerɛw brɛ wo a, eye. 4Eyi bɛboa wo ma woahu nokware a ɛwɔ nea woasua no nyinaa mu.

Yohane awo ho nkɔmhyɛ

5Mede mʼasɛm no befi Yudafo sɔfo Sakaria a ɔtenaa ase Yudea hene Herode bere so a na ofi Abia asɔfokuw mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni. 6Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokwarem a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim. 7Na wonni ba, efisɛ, na Elisabet yɛ obonini. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyin.

8Da bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no, 9wɔtow aba yii no sɛ, ɔnkɔhyew aduhuam wɔ ɔhyew afɔremuka no so. 10Saa bere yi ara nso na asafo no rebɔ mpae wɔ adiwo hɔ sɛnea wɔtaa yɛ no.

11Sakaria gu so rehyew aduhuam no, Awurade bɔfo begyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so. 12Sakaria huu no no ɔbɔɔ piriw na ne ho popoe.

13Nanso ɔsoro bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane. 14Nʼawo bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛw wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye. 15Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afi ne na yam. 16Israelfo pii nam nʼasɛnka so benya adwensakra asan aba Awurade, wɔn Nyankopɔn nkyɛn. 17Obenya Odiyifo Elia Honhom ahoɔden no bi, na obedi Agyenkwa no ba no anim abesiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma ntease aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdan Awurade asɛm no ho asoɔdenfo adwene akɔ Awurade pɛ ho.”

18Sakaria buaa ɔbɔfo no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu? Mabɔ akora na me yere nso abɔ aberewa.”

19Ɔbɔfo no kae se, “Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo. 20Esiane sɛ woagye akyinnye nti, wobɛtɔ mumu kosi sɛ wɔbɛwo abofra no. Na nea maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu.”

21Saa bere yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ saa. 22Bere a ɔbae no, wantumi ankasa ankyerɛ asafo mma no. Wohu fii ne nneyɛe mu sɛ wahu nʼani so ade wɔ asɔredan mu hɔ. Ɔde ne nsa nyamaa wɔn se wɔnkɔ. 23Owiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ fie. 24Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siei asram anum.

25Ɔde anigye kae se, “Awurade ayɛ me adɔe. Wayi animguase a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afi me so.”

Yesu awo ho nkɔmhyɛ

26Elisabet nyinsɛnee asram asia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase 27sɛ, ɔnkɔ ɔbaabun bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ofi ɔhene Dawid abusua mu no aware no nkyɛn. 28Gabriel huu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no se, “Asomdwoe nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”

29Ɔbɔfo no asɛm no maa Maria adwenem yɛɛ no nnaa ma obisaa ne ho se, “Na saa nkyia yi, ase ne dɛn?”

30Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, “Maria, nsuro, efisɛ, Awurade adom wo. 31Tie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. 32Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn ba. Na Awurade de ne nena Dawid ahengua no bɛma no. 33Na obedi Yakob fi so hene daa; na nʼahenni to rentwa da.” 34Maria bisaa ɔbɔfo no se, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo bere a ɔbarima nhuu me da?”

35Ɔbɔfo no buae se, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, eyi nti abofra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba. 36Ɛbɛyɛ asram asia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewabere mu. 37Efisɛ, Onyankopɔn de, biribiara nso no yɛ.”

38Maria kae se, “Me de, meyɛ Awurade afenaa. Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Ɛno akyi, ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe.

Maria kɔsra Elisabet

39Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔw so kurow bi mu. 40Saa kurow no mu na Sakaria te. Oduu kurow no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria fi kɔsraa Elisabet. Okyiaa no. 41Elisabet tee Maria nkyia no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amonom hɔ ara, Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.

42Elisabet de ahosɛpw teɛɛm se, “Maria, wɔahyira wo sen mmea nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛse. 43Anuonyam bɛn na ɛsen eyi. Me sɛɛ ne hena a anka mʼawurade ne na bɛba abɛsra me? 44Wukyiaa me pɛ, na abofra no de anigye kekaa ne ho. 45Nhyira nka wo sɛ wugye dii sɛ, nea Onyankopɔn aka no, ɔbɛyɛ; ɛno nti na wɔadom wo yi.”

Maria Ayeyi dwom

46Maria kae se, “Me kra kamfo Awurade. 47Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Nyankopɔn mu, 48efisɛ, wahu nʼafenaa mmɔbrɔni mmɔbɔ, na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no. 49Efisɛ, ɔkronkronni Tumfo no ayɛ ade kɛse ama me; 50nʼahummɔbɔ fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso ma wɔn a wosuro no na wodi no ni no nyinaa.

51“Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete. 52Watu aberɛmpɔn ade so ama ahobrɛasefo so. 53Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa na wagya ahonyafo kwan nsapan. 54Waboa nʼakoa Israel na ne werɛ amfi ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ 55a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefo no da!”

56Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa ansa na ɔresan akɔ ne kurom.

Yohane Osuboni awo

57Elisabet awo duu so no, ɔwoo ɔbabarima. 58Nʼafipamfo ne nʼabusuafo tee adɔe a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigye dii ahurusi.

59Eduu nnawɔtwe no, abusuafo ne adɔfo behyiae sɛ wɔrebetwa abofra no twetia na wɔato no din. Wɔpɛe sɛ wɔde abofra no to nʼagya Sakaria.

60Nanso ne na kae se, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”

61Wɔka kyerɛɛ no se, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.” 62Eyi ma wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa nʼagya din a wɔmfa nto abofra no.

63Sakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, “Ne din de Yohane.” Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. 64Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasae bio, na ofii ase yii Onyankopɔn ayɛ.

65Wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na saa asɛm yi trɛw faa Yudea mmepɔw so hɔ nyinaa. 66Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho se, “Ɛdɛn na abofra yi benyin ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”

Sakaria nkɔmhyɛ

67Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm se, 68“Nhyira nka Awurade Israel Nyankopɔn sɛ waba abegye ne manfo. 69Ɔde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn, 70sɛnea ɔnam nʼadiyifo kronkron so fi teteete hyɛɛ bɔ 71sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no.

72“Na wama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom wɔ nʼahummɔbɔ ho no aba mu na wakae nʼapam kronkron no, 73na wakae nʼapam kronkron a ɔne Abraham pamee no, 74sɛ obegye yɛn afi yɛn atamfo nsam no, na yɛasom no a osuro biara nni mu, 75na yɛn nkwanna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne atreneefo wɔ nʼanim.

76“Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo ɔsorosoroni no odiyifo efisɛ, wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no, 77na wobɛkyerɛ ne manfo ɔkwan a wɔnam bɔnefafiri so nya daa nkwa; 78na eyinom nyinaa bɛba mu efisɛ, Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no, 79na ɛbɛma hann a efi soro abepue yɛn so ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owu sum mu no so na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoe mu.”

80Abofra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa sare so kosii bere a ofitii nʼasɛnka adwuma ase.

Copyright information for TwiNAK